Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 32:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 M’abufuw mu gya asɔ,+

      Na ɛbɛhyew akosi Adamoa* ase tɔnn.+

      Ɛbɛhyew asase ne ɛso nneɛma,+

      Na ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu.+

  • 2 Ahene 25:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Na ɔhyew Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde ogya hyew+ otitiriw biara fie.

  • Dwom 89:46
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 46 O Yehowa, wode w’anim behintaw akosi da bɛn? Afebɔɔ anaa?+

      W’abufuw bɛkɔ so adɛw sɛ ogya?+

  • Yesaia 42:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Enti ohwiee n’anibere, n’abufuw ne ɔko mu abufuhyew guu no so.+ Na ɛdɛw twaa ne ho hyiae,+ nanso wanhu;+ ɛhyew no, nanso wamfa anhyɛ ne komam.+

  • Yeremia 4:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Momma wontwa mo twetia mma Yehowa na muntwa mo koma twetia,+ mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo, na mo nneyɛe bɔne nti m’abufuw amfi adi sɛ ogya ammɛhyew a obiara nni hɔ a obedum no.”+

  • Yeremia 7:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Ɛno nti, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Hwɛ! Wobehwie m’abufuw ne m’abufuhyew agu ha+ yi ne adesamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhyew na ɛrennum.’+

  • Kwadwom 4:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Yehowa ada n’abufuw nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyew agu.+

      Ɔde ogya ato Sion mu, na ahyew ne fapem nyinaa.+

  • Hebrifo 12:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Efisɛ yɛn Nyankopɔn te sɛ ogya a ɛhyew ade+ nso.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena