20 Afei wɔhyɛn mmɛn+ no, na nkurɔfo no teɛɛm. Bere a ɔman no tee abɛn no a wɔteɛɛm denneennen no, ɔfasu no dwiriw guu fam.+ Afei obiara de n’ani kyerɛɛ kurow no mu na wɔfaa kurow no.
20 Enti Dawid sɔree anɔpahema de nguan no hyɛɛ ɔhwɛsofo nsa na ɔfaa nneɛma no kɔe sɛnea Yese hyɛɛ no no.+ Bere a oduu nsra no ano+ no, na asraafodɔm no rekɔ mpasua+ so, na wɔmaa ɔko nteɛm so.