36 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ woagyaa w’akɔnnɔ bɔne mu,+ na woayi w’adagyaw+ so ne w’adɔfo+ ne w’abosom fĩ+ abɔ aguaman, na wode wo mma mogya ama wɔn+ nti,
37 mɛboaboa wɔn a wɔdɔ wo a wugyee wɔn ani ne wɔn a wodɔ wɔn ne wɔn a wotan wɔn nyinaa ano afi mmeae nyinaa aba wo so, na meyi w’adagyaw so ama wɔahu wo ho nyinaa.+