Leviticus 17:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo biara yɛ ha na onya aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ odi a, onhwie ne mogya ngu+ mfa dɔte nkata so.+ Deuteronomium 12:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nanso monhwɛ na moanni mogya.+ Munhwie ngu fam sɛ nsu.+ Yesaia 26:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Hwɛ, Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwiegu+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+
13 “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo biara yɛ ha na onya aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ odi a, onhwie ne mogya ngu+ mfa dɔte nkata so.+
21 Hwɛ, Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwiegu+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+