Deuteronomium 8:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Anhwɛ a wobɛka wɔ wo komam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho.’+ Mmebusɛm 23:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade.+ Mfa wo ho nto wo ntease so.+ Sakaria 9:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Tiro sii abankɛse, na ɔboaboaa dwetɛ pii ano te sɛ mfutuma, ne sika pii ano te sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+
3 Tiro sii abankɛse, na ɔboaboaa dwetɛ pii ano te sɛ mfutuma, ne sika pii ano te sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+