41 Afɔre huamhuam no nti, megye mo atom.+ Mɛyɛ eyi bere a mayi mo afi aman horow so na maboaboa mo ano afi nsase a wɔabɔ mo apete so no so no,+ na mobɛma me din ho atew aman anim.’+
23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, ‘Mɛtew me din kɛse+ a woguu ho fĩ wɔ amanaman mu, edin a muguu ho fĩ wɔ wɔn mfinimfini no ho, na sɛ amanaman no hu sɛ matew me din ho wɔ mo mu a,+ wobehu sɛ mene Yehowa.+