25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahene+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so+ nyinaa so.’
18 “‘Eden dua+ bɛn na wosɛ no wɔ anuonyam+ ne kɛseyɛ mu? Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asase ase tɔnn.+ Na wo ne momonotofo bɛda faako, wɔn a wɔde nkrante akunkum wɔn nkyɛn. Farao ne ne dɔm nyinaa ni,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”