10 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadresar,+ m’akoa+ no aba, na abo a mede ahintaw yi so na mede n’ahengua besi, na ɔbɛtrɛw ne ntamadan kɛse mu wɔ so.
26 “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa; mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar+ ne ne nkoa nsa, na ɛno akyi no, nnipa bɛtena mu bio sɛ kan no,’+ Yehowa asɛm ni.