10 Asɛm biara a mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu de bɛba mo anim, nea ɛfa mogyahwiegu+ anaa mmara+ ne mmara nsɛm+ ne ahyɛde+ ne atemmusɛm+ ho no, monkasa nkyerɛ wɔn na wɔanyɛ Yehowa bɔne, na abufuw+ amma mo ne mo nuanom so. Eyi na monyɛ na asodi amma mo so.