Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mmebusɛm 1:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Sɛ mekasa kyerɛ mo a, muntie na monsesa mo akwan.+ Ɛno na mɛma mo me tumi+ na mama moahu me nsɛm.+

  • Yesaia 55:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+

  • Yeremia 3:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 “Monsan mmra, mma akobɔfo,+ na mɛsa mo akobɔ no.”+

      “Yɛn ni! Yɛaba wo nkyɛn, efisɛ wo Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+

  • Yeremia 25:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Wɔkae sɛ, ‘Mo nyinaa, obiara nnan mfi ne kwammɔne ho ne ne nneyɛe bɔne ho,+ na moatena asase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom fi tete no so de akosi daa.+

  • Hesekiel 14:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Monsan mmra, monnan mo ho mfi mo abosom fĩ no ho mmra;+ monnan mo ani mfi akyide+ a moreyɛ no nyinaa ho;

  • Hosea 14:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “O Israel, san bra Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn,+ efisɛ wo bɔne ama woawatiriw.+

  • Asomafo Nnwuma 3:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnan mo ho+ mma wɔmpopa mo bɔne,+ na ahosan mmere+ afi Yehowa ankasa nkyɛn aba

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena