Nehemia 9:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “Na wɔn, yɛn agyanom de, wodii ahantansɛm;+ wosen wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛde. Dwom 78:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wɔanni Onyankopɔn apam so,+Na ne mmara nso, wɔannantew mu.+ Yeremia 8:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Dɛn nti na Yerusalem man yi kura nkontompo mu de to mmara yi? Wokura nnaadaasɛm+ mu denneennen, na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+ Yeremia 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wɔasan kɔ wɔn agyanom amumɔyɛ mu,+ tetefo a wɔanni me nsɛm so a wokodii anyame foforo akyi som wɔn no.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+
5 Dɛn nti na Yerusalem man yi kura nkontompo mu de to mmara yi? Wokura nnaadaasɛm+ mu denneennen, na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+
10 Wɔasan kɔ wɔn agyanom amumɔyɛ mu,+ tetefo a wɔanni me nsɛm so a wokodii anyame foforo akyi som wɔn no.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+