Hesekiel 30:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na ɛda no abɛn, Yehowa da no abɛn.+ Na ɛbɛyɛ omununkum da,+ amanaman no bere.+ Yoel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛyɛ esum ne kusuuyɛ da,+ omununkum ne kusukuukuu da; ɛte sɛ adekyee hann a ɛkata mmepɔw so.+ “Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+ ɛso bi mmae da fi teteete,+ na wɔn akyi nso, ebi remma bio, awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso mfe mu. Sefania 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Saa da no yɛ abufuhyew da, ahohia ne ahoyeraw da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ omununkum ne esum kabii da,
2 Ɛyɛ esum ne kusuuyɛ da,+ omununkum ne kusukuukuu da; ɛte sɛ adekyee hann a ɛkata mmepɔw so.+ “Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+ ɛso bi mmae da fi teteete,+ na wɔn akyi nso, ebi remma bio, awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso mfe mu.
15 Saa da no yɛ abufuhyew da, ahohia ne ahoyeraw da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ omununkum ne esum kabii da,