Leviticus 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘Nnya wo nua ho tan wo komam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. Dwom 37:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yɛ komm ma Yehowa,+Na tɔ wo bo ase twɛn no.+Mma wo bo mmfuw, nea ne kwan asi no yiye+ nti,Onipa a odi ne nsusuwii akyi+ no. Amos 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Nea Yehowa aka ni, ‘Edom+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔde nkrante tiw ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuw tetew ne hanam mu daa, na n’abufuhyew dɛwee bere nyinaa.+ Mateo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo;+ susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.+ 1 Yohane 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Obiara a ɔtan+ ne nua no yɛ owudifo,+ na munim sɛ owudifo+ biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+
7 Yɛ komm ma Yehowa,+Na tɔ wo bo ase twɛn no.+Mma wo bo mmfuw, nea ne kwan asi no yiye+ nti,Onipa a odi ne nsusuwii akyi+ no.
11 “Nea Yehowa aka ni, ‘Edom+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔde nkrante tiw ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuw tetew ne hanam mu daa, na n’abufuhyew dɛwee bere nyinaa.+