6 Na mekae+ sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu+ yɛ me fɛre+ mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne+ adɔɔso atra yɛn ti so, na yɛn asodi ayɛ kɛse akodu ɔsoro.+
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtew w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔtow kyenee wɔn akyi,+ na w’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wokunkum wɔn,+ na woyii wo ahii kɛse.+
18 “Mate sɛ Efraim redi awerɛhow sɛ,+ ‘Wateɛ me so sɛ nantwi ba a wɔntetee no,+ na mateɛ.+ Ma mensan mmra wo nkyɛn, na mɛsan aba ntɛm,+ efisɛ wone Yehowa me Nyankopɔn.+