Genesis 17:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akosi awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+ Yeremia 31:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 “Eyi ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi,”+ Yehowa asɛm ni. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na makyerɛw wɔ wɔn komam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+ Hesekiel 36:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+
7 “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akosi awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+
33 “Eyi ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi,”+ Yehowa asɛm ni. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na makyerɛw wɔ wɔn komam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+