Dwom 93:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Wo nkaesɛm nnii huammɔ da.+O Yehowa, kronkronyɛ fata wo fie+ nnasanten nyinaa.+ Hesekiel 40:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me kɔɔ Israel asase so, na afei ɔde me kosii bepɔw+ tenten bi so. Ná biribi wɔ so te sɛ kurow wɔ anafo fam.+ Hesekiel 42:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Osusuw afã anan no nyinaa, na na ɔfasu atwa ho nyinaa ahyia;+ ne ntwemu, demmire ahanum, na ne tɛtrɛtɛ nso demmire ahanum.+ Ɛkyɛɛ nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron no mu.+
2 Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me kɔɔ Israel asase so, na afei ɔde me kosii bepɔw+ tenten bi so. Ná biribi wɔ so te sɛ kurow wɔ anafo fam.+
20 Osusuw afã anan no nyinaa, na na ɔfasu atwa ho nyinaa ahyia;+ ne ntwemu, demmire ahanum, na ne tɛtrɛtɛ nso demmire ahanum.+ Ɛkyɛɛ nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron no mu.+