16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda;+ na ɔman yi du asase a wɔrekɔ so+ no so a, wɔbɛsɔre+ ne ananafo anyame abɔ aguaman wɔ wɔn mfinimfini pɛɛ. Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+
10 Wɔasan kɔ wɔn agyanom amumɔyɛ mu,+ tetefo a wɔanni me nsɛm so a wokodii anyame foforo akyi som wɔn no.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+
9 ɛrenyɛ sɛ apam+ a me ne wɔn agyanom yɛe da a misusoo wɔn nsa yii wɔn fii Egypt asase so+ no, efisɛ wɔankɔ so antena m’apam mu,+ enti manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa asɛm ni.”+