Yesaia 59:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔn ntontan rentumi nyɛ atade, na wɔrentumi mfa wɔn nnwuma nkata wɔn ho.+ Wɔn nnwuma yɛ mmusu, na awudisɛm wɔ wɔn nsam.+ Yeremia 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛnea asubura ma emu nsu yɛ nwini no, saa na ɔma ne bɔne yɛ nwini. Wɔte basabasayɛ ne afowfa nka wɔ ne mu;+ ɔyare ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa. Mika 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Amumɔyɛsɛm ahyɛ kurow no mu adefo mã, na emufo ka atosɛm,+ na wɔn tɛkrɛma to brada wɔ wɔn anom.+
6 Wɔn ntontan rentumi nyɛ atade, na wɔrentumi mfa wɔn nnwuma nkata wɔn ho.+ Wɔn nnwuma yɛ mmusu, na awudisɛm wɔ wɔn nsam.+
7 Sɛnea asubura ma emu nsu yɛ nwini no, saa na ɔma ne bɔne yɛ nwini. Wɔte basabasayɛ ne afowfa nka wɔ ne mu;+ ɔyare ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa.