Yesaia 3:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔbɔnefo nnue! Mmusu di n’akyi; na nea ɔyɛe no ara bi na wɔde bɛyɛ no!+ Mateo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo;+ susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.+ Yakobo 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na nea onhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmu mu. Mmɔborɔhunu di atemmu so nkonim.