29 Minim sɛ me wu akyi no mobɛyɛ abusude pii,+ na mobɛman afi ɔkwan a maka sɛ momfa so no so. Eyi de ɔhaw+ bɛba mo so wɔ awiei bere no mu, efisɛ mobɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na mode mo nsa ano adwuma behuru ne bo.”+
7 Nea ɛma ɛbaa saa ne sɛ, Israelfo yɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, na wɔkɔsom anyame foforo;+
14 Asɔfo mpanyin+ ne ɔman no nyinaa nso maa wɔn mmarato dɔɔso bebree, na wɔyɛɛ akyide+ a amanaman no yɛe no bi de guu Yehowa fie a wayɛ no kronkron wɔ Yerusalem no ho fĩ.+