4 Saa da no, ne nan besi ngodua bepɔw a esi Yerusalem anim wɔ apuei fam no so,+ na ngodua bepɔw+ no mu bɛpae+ abien afi owiapuei akosi atɔe. Na bon kɛse bɛda hɔ, na bepɔw no fã bɛtwe akɔ atifi fam na ɔfã akɔ anafo fam.
3 Bere a ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn kokoam bɛkae sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae*+ ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?”+