Deuteronomium 18:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Aman a worekotu wɔn no tie nkonyaayifo+ ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm.+ Nanso wo de, Yehowa wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ saa.+ Yesaia 44:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Me na mesɛe akasafo nsɛnkyerɛnne, na mema nkɔmhyɛfo bobɔ adam;+ mema anyansafo san wɔn akyi, na wɔn nimdeɛ dan nkwaseasɛm.+ Hesekiel 12:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na anisoadehu hunu+ anaa nkɔntoro biara rentena Israel fie bio.+ Mika 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 ‘Enti ade bɛsa mo+ na moanhu anisoade bio;+ esum bɛba mo so na moanhyɛ nkɔntoro. Owia bɛtɔ wɔ adiyifo no so na esum aduru wɔn awia ketee.+
14 “Aman a worekotu wɔn no tie nkonyaayifo+ ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm.+ Nanso wo de, Yehowa wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ saa.+
25 Me na mesɛe akasafo nsɛnkyerɛnne, na mema nkɔmhyɛfo bobɔ adam;+ mema anyansafo san wɔn akyi, na wɔn nimdeɛ dan nkwaseasɛm.+
6 ‘Enti ade bɛsa mo+ na moanhu anisoade bio;+ esum bɛba mo so na moanhyɛ nkɔntoro. Owia bɛtɔ wɔ adiyifo no so na esum aduru wɔn awia ketee.+