2 Ahene 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ wo papa adiyifo+ ne wo maame adiyifo no hɔ.” Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, efisɛ Yehowa aboa ahene baasa yi ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfo nsa.”+ Yesaia 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Sɛ motrɛw mo nsam a,+ miyi m’ani hintaw mo.+ Mo mpae dodow+ no nyinaa mintie,+ efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ Yeremia 11:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu+ a wontumi mfi mu reba wɔn so,+ na wobesu afrɛ me, nanso merentie wɔn.+ Sakaria 7:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “‘Na esiane sɛ mefrɛe na wɔantie+ nti, wɔn nso wɔbɛfrɛ na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm ni.
13 Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ wo papa adiyifo+ ne wo maame adiyifo no hɔ.” Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, efisɛ Yehowa aboa ahene baasa yi ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfo nsa.”+
15 Sɛ motrɛw mo nsam a,+ miyi m’ani hintaw mo.+ Mo mpae dodow+ no nyinaa mintie,+ efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+
11 Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu+ a wontumi mfi mu reba wɔn so,+ na wobesu afrɛ me, nanso merentie wɔn.+