2 “Yɛsrɛ wo, bisa Yehowa ma yɛn,+ efisɛ Babilon hene Nebukadresar ne yɛn rebɛko.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’ahoɔden nnwuma no bi de aboa yɛn ma wafi yɛn so akɔ.”+
31 Na wɔbɛba wo nkyɛn yuu abɛtenatena w’anim te sɛ me man;+ na wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so,+ efisɛ akɔnnɔ bɔne ahyɛ wɔn anom mã, na wɔn koma di mfaso bɔne akyi.+