18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ, ‘Owu na wubewu,’+ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefo no ma wamfi ne kwammɔne so na wannya nkwa a,+ ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu,+ nanso ne mogya de, mebisa afi wo nsam.+
27 na saa ara na mmarima no nso gyaw wɔne mmea ntam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so+ de no, maa wɔn mfɛfo ho akɔnnɔ dɛwee wɔ wɔn mu, na mmarima ne mmarima+ yɛɛ adapaade,+ na wonyaa akatua mũ a ɛfata wɔn+ bɔne no wɔ wɔn mu.+