3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: “Sɛ mo koma nyinaa na mode resan aba Yehowa nkyɛn+ a, ɛnde munyi ananafo anyame a ɛwɔ mo nkyɛn+ ne Astoret ahoni+ no mfi mo mu, na momfa mo koma mũ nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nkutoo,+ na obegye mo afi Filistifo no nsam.”+
12 “Onipa ba, ka kyerɛ wo manfo sɛ, ‘Da a ɔtreneeni bɛtew atua no, ne trenee ntumi nnye no.+ Na da a ɔbɔnefo bɛsan afi ne bɔne ho no, ne bɔne rento no hintidua.+ Saa ara na da a ɔtreneeni bɛyɛ bɔne no, ne trenee no rennye no nkwa.+