Yesaia 13:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Mɛma asase no atwa ne bɔne so aba+ na amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua. Mɛma ahantanfo agyae wɔn dwae no na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+ Yeremia 25:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “‘Na sɛ mfirihyia aduɔson no ba awiei+ a,’ Yehowa asɛm ni, ‘mɛma Babilon hene ne ɔman no,+ Kaldeafo asase no,+ abu akontaa, wɔn amumɔyɛ ho, na mɛdan no amamfõ akosi daa.+ Yeremia 27:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na ɔno na aman nyinaa bɛsom no,+ ɔne ne ba ne ne banana, kosi sɛ n’asase bere bɛsõ+ ma aman ne ahene akɛse pii de no ayɛ akoa ma wasom wɔn.’+ Yeremia 50:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 50 Asɛm a Yehowa nam odiyifo Yeremia so kae wɔ Babilon+ ne Kaldeafo+ asase ho ni: Yeremia 51:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Monsew agyan ano.+ Munso akyɛm mu. Yehowa akanyan Media ahene honhom,+ na n’adwene wɔ Babilon so+ sɛ ɔrebɛsɛe no. Ɛyɛ Yehowa aweredi; ɛyɛ n’asɔrefie ho aweredi.+
11 Mɛma asase no atwa ne bɔne so aba+ na amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua. Mɛma ahantanfo agyae wɔn dwae no na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+
12 “‘Na sɛ mfirihyia aduɔson no ba awiei+ a,’ Yehowa asɛm ni, ‘mɛma Babilon hene ne ɔman no,+ Kaldeafo asase no,+ abu akontaa, wɔn amumɔyɛ ho, na mɛdan no amamfõ akosi daa.+
7 Na ɔno na aman nyinaa bɛsom no,+ ɔne ne ba ne ne banana, kosi sɛ n’asase bere bɛsõ+ ma aman ne ahene akɛse pii de no ayɛ akoa ma wasom wɔn.’+
11 “Monsew agyan ano.+ Munso akyɛm mu. Yehowa akanyan Media ahene honhom,+ na n’adwene wɔ Babilon so+ sɛ ɔrebɛsɛe no. Ɛyɛ Yehowa aweredi; ɛyɛ n’asɔrefie ho aweredi.+