16 Enti ɔhene hyɛe ma wɔkɔfaa Daniel bae, na wɔtow no kyenee agyata amoa mu.+ Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Wo Nyankopɔn a wosom no daa no, ɔno na obegye wo.”+
24 Na ɔhene hyɛe ma wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae+ bɛtow wɔn guu agyata amoa no mu,+ wɔne wɔn mma ne wɔn yerenom.+ Wonnya nnuu amoa no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.+