Mmebusɛm 30:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 gyata, mmoadoma mu ɔhoɔdenfo a ɔnnan ne ho obiara anim;+ Daniel 2:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa,+ na ɔde wo asi wɔn nyinaa so. Wone sika ti no.+ Yoel 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ɔman bi aba m’asase so; ɛyɛ den, na emu nnipa nni ano.+ Wɔn sẽ te sɛ gyata sẽ,+ na wɔwɔ gyata abogye.
38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa,+ na ɔde wo asi wɔn nyinaa so. Wone sika ti no.+
6 Na ɔman bi aba m’asase so; ɛyɛ den, na emu nnipa nni ano.+ Wɔn sẽ te sɛ gyata sẽ,+ na wɔwɔ gyata abogye.