25 Ne nhumu nti, ɔbɛma nnaadaa akɔ so wɔ ne nsam.+ Ne koma mu nso, obedi akokurokosɛm,+ na asomdwoe bere mu,+ ɔbɛsɛe nnipa bebree. Na ɔbɛsɔre atia asafo ahene mu Safohene+ no, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.+
20 Na wɔkyeree aboa+ no ne atoro diyifo+ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne+ wɔ n’anim de daadaa wɔn a wonyaa aboa no agyiraehyɛde+ no ne wɔn a wɔsom ne honi+ no. Afei wɔtow wɔn baanu nyinaa animono so guu ogya tare a sufre wom no mu.+
10 Na wɔtow Ɔbonsam+ a na ɔredaadaa wɔn no too ogya tare a sufre wom no mu, baabi a na aboa+ no ne atoro diyifo no wɔ dedaw no;+ na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.