23 O m’agyanom Nyankopɔn, wo na miyi wo ayɛ kamfo wo,+ efisɛ woama me nyansa+ ne tumi. Na afei woayi nea yɛsrɛɛ wo no adi akyerɛ me, na ɔhene asɛm no, woama yɛahu.”+
28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba nna a edi akyiri no mu.+ Wo dae ne anisoadehu a wunyae wɔ wo mpa so no ni:
47 Na Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame+ ne ahene Wura+ ne Nea oyi ahintasɛm adi, efisɛ woatumi ayi ahintasɛm yi adi.”+