Dwom 79:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 79 O Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade so;+Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+Wɔama Yerusalem adan amamfõ.+ Yesaia 64:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wo nkurow kronkron+ adan sare. Sion+ ankasa adan sare hunu, na Yerusalem adan amamfõ.+ Yeremia 7:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na mɛma ahosɛpɛw nne, ahurusi nne, ayeforokunu ne ayeforo nne+ nso to atwa wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so, efisɛ asase no bɛdan amamfõ ara nko.’”+ Kwadwom 1:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 O kurow a anka nnipa ayɛ mu mã no,+ hwɛ sɛ aka ne nkutoo!+Ɔbea a kan no na ɔwɔ dɔm sen aman nyinaa no,+ hwɛ sɛ wayɛ sɛ okunafo!+Amanaman mu ɔhemmaa no, hwɛ sɛ wadan afenaa!+
79 O Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade so;+Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+Wɔama Yerusalem adan amamfõ.+
34 Na mɛma ahosɛpɛw nne, ahurusi nne, ayeforokunu ne ayeforo nne+ nso to atwa wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so, efisɛ asase no bɛdan amamfõ ara nko.’”+
1 O kurow a anka nnipa ayɛ mu mã no,+ hwɛ sɛ aka ne nkutoo!+Ɔbea a kan no na ɔwɔ dɔm sen aman nyinaa no,+ hwɛ sɛ wayɛ sɛ okunafo!+Amanaman mu ɔhemmaa no, hwɛ sɛ wadan afenaa!+