34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
26 Anyɛ saa a anka efi wiase nhyɛase+ no ɛsɛ sɛ ɔtaa hu amane. Nanso afei de wayi ne ho adi+ prɛko+ wɔ wiase nhyehyɛe no awiei+ sɛ ɔnam ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no so beyi bɔne afi hɔ.+