13 Nanso Persia+ ahemman no safohene+ begyinaa hɔ siw me kwan+ nnafua aduonu biako, na hwɛ! Mikael,+ asafohene atitiriw no biako+ bɛboaa me, na metenaa hɔ, Persia ahene no nkyɛn.+
“Hwɛ! ahene baasa foforo bɛsɔre agyina wɔ Persia,+ na nea ɔto so anan+ no benya ahonyade pii asen wɔn a wɔaka nyinaa.+ Na sɛ n’ahonyade ma onya ahoɔden ara pɛ a, ɔbɛhwanyan biribiara atia Hela+ ahenni.