Mateo 25:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Na eyinom befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu,+ na wɔn a wɔteɛ no bɛkɔ daa nkwa mu.”+ Yohane 5:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 na wɔafi adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu,+ na wɔn a wɔyɛɛ akyide no akɔ atemmu sɔre mu.+ Yohane 6:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Na m’Agya no apɛde ne sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no benya daa nkwa,+ na menyan no da a edi akyiri no.”+
29 na wɔafi adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu,+ na wɔn a wɔyɛɛ akyide no akɔ atemmu sɔre mu.+
40 Na m’Agya no apɛde ne sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no benya daa nkwa,+ na menyan no da a edi akyiri no.”+