Dwom 97:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hann ahyerɛn ama ɔtreneeni,+Ne ahurusidi ama komam teefo.+ Yesaia 11:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron+ no nyinaa so, efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.+ Yesaia 58:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 na wode nea wo kɔn dɔ ma nea ɔkɔm de no,+ na woma nea ne kra werɛ ahow mee a, wo hann bɛhyerɛn esum mu na wo sum kabii adan awia ketee.+ Adiyisɛm 22:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na honhom+ no ne ayeforo+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma nea ɔte biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma nea osukɔm de no biara mmra;+ na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.+
9 Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe ade bio wɔ me bepɔw kronkron+ no nyinaa so, efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.+
10 na wode nea wo kɔn dɔ ma nea ɔkɔm de no,+ na woma nea ne kra werɛ ahow mee a, wo hann bɛhyerɛn esum mu na wo sum kabii adan awia ketee.+
17 Na honhom+ no ne ayeforo+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma nea ɔte biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma nea osukɔm de no biara mmra;+ na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.+