2 Beresosɛm 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 na sɛ me man+ a me din+ da wɔn so no brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpae+ hwehwɛ m’akyi kwan,+ na wɔdan fi wɔn akwammɔne+ ho a, ɛnde me nso mefi ɔsoro atie+ na mede wɔn bɔne akyɛ+ wɔn, na masa wɔn asase yare.+ Yeremia 29:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.’+ Hosea 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wobedi Yehowa akyi.+ Na ɔbɛbobom te sɛ gyata;+ ɔbɛbobom+ na ne mma de ahopopo afi atɔe fam aba.+
14 na sɛ me man+ a me din+ da wɔn so no brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpae+ hwehwɛ m’akyi kwan,+ na wɔdan fi wɔn akwammɔne+ ho a, ɛnde me nso mefi ɔsoro atie+ na mede wɔn bɔne akyɛ+ wɔn, na masa wɔn asase yare.+