Dwom 12:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn a wɔka sɛ: “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim.+Yɛn ano wɔ hɔ yi, hena na obetumi adi yɛn so?” Dwom 73:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔde wɔn ano adu soro,+Na wɔnenam asase so de wɔn tɛkrɛma keka nea wɔpɛ.+ Yesaia 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yerusalem ahintiw, na Yuda ahwe ase,+ efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe asɔre atia Yehowa,+ na wɔatew onuonyamfo no anim atua.+
8 Yerusalem ahintiw, na Yuda ahwe ase,+ efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe asɔre atia Yehowa,+ na wɔatew onuonyamfo no anim atua.+