26 Na ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so, na wutie ne mmara di n’ahyɛde nyinaa so+ a, meremfa ɔyare a mede baa Egyptfo so no biara mma wo so,+ efisɛ me Yehowa na meresa wo yare.”+
26 Na ɔsram hann bɛyɛ te sɛ awia ketee hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho ason+ te sɛ nnanson hann, da a Yehowa bɛkyekyere ne man a abubu+ na wasa+ kuru kɛse a onyae bere a ɔhwee no no.