17 Yehowa yɛn Nyankopɔn na oyii yɛne yɛn agyanom fii Egypt+ nkoafie,+ ɔno na ɔyɛɛ anwonwade akɛse yi wɔ yɛn ani so,+ ɔno na ɔbɔɔ yɛn ho ban wɔ yɛn akwantu mu, na ɔno na ɔhwɛɛ yɛn so faa aman horow no nyinaa mu.+
8 “Bere a Yakob baa Egypt,+ na mo agyanom fii ase su frɛɛ Yehowa+ ara pɛ na Yehowa somaa Mose+ ne Aaron ma wodii mo agyanom anim fii Egypt ma wɔbɛtenaa ha.+