17 Wobedi wo nnɔbae ne w’aduan.+ Wɔbɛmemene wo mmabarima ne wo mmabea. Wobedi wo nguan ne w’anantwi. Wobedi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrante bebubu wo nkurow a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato so no.”
13 “‘Sɛ wɔboaboa ano a, mɛma asã koraa,’ Yehowa asɛm ni.+ ‘Bobe aba remma bobe dua so,+ borɔdɔma aba remma borɔdɔma dua so, na ɛso nhaban beguan. Nea mede ama wɔn no betwa wɔn ho akɔ.’”