Esra 10:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛbae sɛ bere a Esra butuw+ nokware Nyankopɔn fie+ anim na ɔbɔɔ mpae+ de nusu kaa wɔn bɔne+ no, Israel asafo kɛse pa ara boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, mmarima ne mmea ne mmofra, na ɔman no sui kɛse. Yesaia 22:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ma wɔasu+ adi awerɛhow, na wɔabɔ tikwaw afura atweaatam.+ Yakobo 4:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mo ho nhia mo na munni awerɛhow na munsu.+ Mo serew nnan awerɛhow na mo anigye nnan abooboodi.+
10 Ɛbae sɛ bere a Esra butuw+ nokware Nyankopɔn fie+ anim na ɔbɔɔ mpae+ de nusu kaa wɔn bɔne+ no, Israel asafo kɛse pa ara boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, mmarima ne mmea ne mmofra, na ɔman no sui kɛse.
12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ma wɔasu+ adi awerɛhow, na wɔabɔ tikwaw afura atweaatam.+