Mmebusɛm 11:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nea ɔhwehwɛ papa no, ɔbɛkɔ so ahwehwɛ adom;+ na nea ɔhwehwɛ bɔne no, ɛbɛba no so.+ Yesaia 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Monhohoro mo ho,+ montew mo ho,+ munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim,+ na munnyae bɔneyɛ.+ Mika 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔdesani, waka nea eye akyerɛ wo.+ Na dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee+ na woadɔ ayamye+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anantew.+ Romafo 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔnam nnwuma pa so hwehwɛ anuonyam ne nidi ne nea ɛmporɔw+ wɔ boasetɔ mu no;
8 Ɔdesani, waka nea eye akyerɛ wo.+ Na dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee+ na woadɔ ayamye+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anantew.+
7 ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔnam nnwuma pa so hwehwɛ anuonyam ne nidi ne nea ɛmporɔw+ wɔ boasetɔ mu no;