Leviticus 18:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so benya nkwa.+ Mene Yehowa.+ Deuteronomium 30:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+ Dwom 69:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Ahobrɛasefo behu; wobedi ahurusi.+Mo a mohwehwɛ Onyankopɔn, momma mo koma nnya nkwa.+ Romafo 10:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na Mose kyerɛwee sɛ onipa a ɔyɛ adetrenee wɔ Mmara no mu no nam so benya nkwa.+
20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+