Yeremia 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Monka wɔ Yuda, mommɔ no dawuru wɔ Yerusalem,+ momma wɔnte, monhyɛn abɛn asase no so baabiara.+ Monteɛm den, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano na yɛnkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu.+ Sefania 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 abɛnhyɛn ne nteɛteɛm da,+ na ɛbɛba nkurow a ɛyɛ den ne aban atenten+ so.
5 Monka wɔ Yuda, mommɔ no dawuru wɔ Yerusalem,+ momma wɔnte, monhyɛn abɛn asase no so baabiara.+ Monteɛm den, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano na yɛnkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu.+