Mmebusɛm 20:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɔhene ho hu te sɛ gyata a ɔbobom.+ Obiara a ɔhyɛ no abufuw no yɛ ne kra+ bɔne. Mmebusɛm 30:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 gyata, mmoadoma mu ɔhoɔdenfo a ɔnnan ne ho obiara anim;+ Yeremia 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nea ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafi adi sɛ gyata a ofi dɔtɔ mu reba, na watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwiriwde, na wasɛe wo nkurow pasaa na obi antena mu bio.+ Amos 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na ɔkae sɛ: “Yehowa fi Sion bɛbobom+ na wafi Yerusalem ama ne nne so;+ na awerɛhow besi nguanhwɛfo mmoa adidibea na Karmel atifi awo wosee.”+
7 Nea ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafi adi sɛ gyata a ofi dɔtɔ mu reba, na watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwiriwde, na wasɛe wo nkurow pasaa na obi antena mu bio.+
2 Na ɔkae sɛ: “Yehowa fi Sion bɛbobom+ na wafi Yerusalem ama ne nne so;+ na awerɛhow besi nguanhwɛfo mmoa adidibea na Karmel atifi awo wosee.”+