42 Bere a wɔbɛkaa asɛm a Rebeka ba panyin Esau aka kyerɛɛ no no, ntɛm ara na Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo nua Esau abɔ wo ato hɔ*—onya wo a, obekum wo.+
11 “Nea Yehowa aka ni, ‘Edom+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔde nkrante tiw ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuw tetew ne hanam mu daa, na n’abufuhyew dɛwee bere nyinaa.+