14 Na ɔkyena anɔpa mmusuakuw mmusuakuw a ɛwɔ Israel nyinaa mmra mmiako mmiako, na abusuakuw a Yehowa beyi no,+ emu mmusua nso mmra mmiako mmiako. Afei abusua a Yehowa beyi no mu afie mmra mmiako mmiako. Na ofie a Yehowa beyi no mu mmarima nso mmra mmiako mmiako.