10 Na metwitwa teaseɛnam mu afi Efraim ne ɔpɔnkɔ mu afi Yerusalem.+ Na wobetwitwa akodi agyan+ mu. Na ɔbɛka asomdwoesɛm akyerɛ aman.+ Na obedi hene afi po so akɔ po so, afi asubɔnten kɛse no ano akosi asase ano.+
15 Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto+ no. Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na obedi hene daa daa.”+