9 Aman nyinaa mmoaboa wɔn ho ano faako, na amanaman nka mmom.+ Wɔn mu hena na obetumi aka eyi?+ Anaa wɔn mu hena na obetumi ama yɛate kan nneɛma no ho asɛm?+ Wɔmfa wɔn adansefo+ mmra na wommu wɔn bem, anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokware!’”+
4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofo,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Nea ɛbɛyɛ a wubedi bem wo nsɛm mu, na sɛ wobu wo atɛn a woadi nkonim.”+